Judges 6

Gideon Bɛyɛ Israel So Otemmufo

1Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ Awurade ani so bɔne bio. Ɛno nti, Awurade de wɔn hyɛɛ Midianfo
Midianfo yɛ Abraham ne Ketura asefo ( 1 Mose 25.2 ).
nsa mfe ason.
2Esiane sɛ na Midianfo no yɛ atirimɔdenfo nti, Israelfo no guan kɔɔ mmepɔw so kɔpɛɛ hintabea wɔ abodan ne atu mu. 3Bere biara a Israelfo duaa wɔn nnɔbae no, Midianfo, Amalekfo ne nnipa a wɔte apuei fam no kɔtow hyɛ wɔn so. 4Wɔbɛyɛɛ atenae wɔ wɔn asase no so sɛe nnɔbae no fi Gasa a wɔannyaw Israelfo aduan biara. Wɔfaa nguan, anantwi ne mfurum. 5Na atamfo dɔm yi de wɔn nyɛmmoa ne wɔn ntamadan foro ba te sɛ mmoadabi. Wɔtete yoma a wontumi nkan wɔn dodow so na wɔba. Na wɔtena asase no so kosi sɛ so nneɛma nyinaa bɛsa. 6Enti Midianfo no maa ɔkɔm baa Israel. Afei Israelfo no su frɛɛ Awurade pɛɛ mmoa.

7Bere a Midianfo no nti, Israelfo su frɛɛ Awurade no, 8Awurade somaa odiyifo kɔɔ wɔn nkyɛn. Ɔkae se, “Asɛm a Awurade, Israel Nyankopɔn, ka ni: Miyii mo fii Misraim nkoasom mu. 9Miyii mo fii Misraim tumi ne wɔn a wɔhyɛ mo so nyinaa ase. Mepam mo atamfo de wɔn asase maa mo. 10Meka kyerɛɛ mo se, ‘Mene Awurade, mo Nyankopɔn. Monnsom Amorifo a mote wɔn asase so no anyame.’ Nanso moantie me.”

11Na Awurade bɔfo bɛtenaa odupɔn a esi Ofra a ɛyɛ Yoas a ofi Abieser abusua mu de no ase. Na Yoas babarima Gideon reporow awi wɔ nsakyiamoa ase sɛ ɔde resie Midianfo no. 12Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ Gideon, kae se, “Dɔmmarima, Awurade ka wo ho.”

13Gideon buae se, “Owura, sɛ Awurade ka yɛn ho a, adɛn nti na saa nsɛm yi nyinaa aba yɛn so? Na anwonwade a yɛn agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn no nso wɔ he? Wɔanka se, ‘Awurade yii yɛn fii Misraim ana?’ Nanso mprempren de, Awurade agyaa yɛn de yɛn ahyɛ Midianfo nsam.”

14Na Awurade dan ne ho ka kyerɛɛ no se, “Fa ahoɔden a wowɔ no kɔ na kogye Israelfo fi Midianfo no nsam. Me na meresoma wo.”

15Gideon buae se, “Na Awurade, mɛyɛ dɛn agye Israelfo? Mʼabusua na ɛyɛ mmerɛw koraa wɔ Manase abusuakuw mu na me na misua koraa wɔ me fifo nyinaa mu.”

16Awurade ka kyerɛɛ no se, “Mɛka wo ho. Wobɛsɛe Midianfo no sɛnea woresɛe onipa baako.”

17Gideon buae se, “Sɛ wobɛboa me ampa ara de a, yɛ nsɛnkyerɛnne bi ma minhu sɛ, nokware, ɛyɛ wo Awurade na worekasa kyerɛ me yi. 18Nkɔ, kosi sɛ mɛsan mʼakyi aba de mʼafɔrebɔde abrɛ wo.”

Awurade buae se, “Mɛtena ha atwɛn kosi sɛ wobɛba.”

19Gideon yɛɛ ntɛm kɔɔ fie. Okosiesie abirekyi ba, too brodo asikresiam lita aduonu mmienu a mmɔkaw nni mu. Afei, ɔsoaa nam no wɔ kɛntɛn mu a nkwan no nso wɔ ɛsɛn bi mu de bae. Ɔde brɛɛ ɔbɔfo no wɔ odupɔn no ase.

20Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Fa nam no ne brodo a ɛnkae no gu ɔbotan yi so na hwie nkwan no gu so.” Na Gideon yɛɛ nea ɔbɔfo no kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. 21Afei, Awurade bɔfo no de pema a okura no kaa nam ne brodo no, na ogya pue fii ɔbotan no mu hyew nea ɔde bae no nyinaa. Na ɔbɔfo no yerae.

22Bere a Gideon huu sɛ ɛyɛ Awurade bɔfo no, ɔteɛɛ mu se, “Asafo Awurade, mahu Awurade bɔfo anim ne anim.”

23Awurade buae se, “Nsuro na worenwu.” 24Na Gideon sii afɔremuka wɔ hɔ maa Awurade na ɔtoo no din “Awurade Yɛ Asomdwoe.” Afɔremuka no da so wɔ Ofra a ɛyɛ Abieserfo abusua asase so de besi nnɛ.

25Anadwo no, Awurade ka kyerɛɛ Gideon se, “Kyere nantwinini a odi mu, ɔto so abien na wadi mfe ason fi wʼagya anantwi mu. Dwiriw wʼagya afɔremuka a osi maa Baal no, na twa Asera dua a esi nkyɛn no. 26Afei, si afɔremuka wɔ bepɔw yi so ma Awurade, wo Nyankopɔn. Hyehyɛ afɔremuka abo no yiye. Fa nantwinini bɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so. Fa Asera dua a wutwae no nnyansin yɛ ogya.”

27Enti Gideon faa nʼasomfo du de wɔn yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Nanso ɔyɛɛ no anadwo, efisɛ na osuro nʼagya fifo ne kurow mma no. Na onim nea ebesi, sɛ wohu onipa a ɔyɛɛ saa ade no a.

28Ade kyee anɔpahema a kurow no mu nnipa fitii ase nyanyanee no, obi huu sɛ wɔadwiriw Baal afɔremuka no agu, na Asera dua a esi ho no nso, wɔatwa akyene na wɔasi afɔremuka foforo asi anan mu. Na wohuu afɔrebɔde bi nkae wɔ so.

29Ɔmanfo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Hena na ɔyɛɛ eyi?” Wobisabisae, too wɔn bo ase hwehwɛɛ mu no, wohuu sɛ Yoas babarima Gideon na ɔyɛɛ saa.

30Ɔmanfo no teɛɛ mu guu Yoas so se, “Fa wo babarima no bra. Sɛe a ɔsɛee Baal afɔremuka ne twa a otwaa Asera dua no nti, ɛsɛ sɛ owu.”

31Nanso Yoas teɛɛ mu guu nnipakuw no so se, “Adɛn nti na mugye Baal ti? Mubetumi aka nʼasɛm ama no ana? Obiara a obegye ne ti no, wobekum no ansa na ade akye. Sɛ Baal yɛ onyame bi ampa ara a ɔno ara nni mma ne ho na onkum nea odwiriwii nʼafɔremuka no!” 32Efi saa bere no rekɔ no, wɔfrɛɛ Gideon Yerub-Baal a nkyerɛase ne “Baal nni mma ne ho,” efisɛ ɔno ara na odwiriwii Baal afɔremuka no gui.

33Afei, Midianfo nyinaa, Amalekfo nyinaa ne nnipa a wofifi apuei fam no kaa wɔn ho bɔɔ mu tia Israel. Wotwaa Yordan, kɔbɔɔ atenae wɔ Yesreel bon mu. 34Awurade honhom baa Gideon so na ɔbɔɔ torobɛnto de frɛɛ dɔm. Mmarima a wofi Abieser abusua mu no baa ne nkyɛn. 35Ɔsomaa abɔfo kɔɔ Manase, Aser, Sebulon ne Naftali nyinaa mu kɔfrɛɛ wɔn asraafo, na wɔn nyinaa penee so.

36Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Sɛ wonam me nsa so begye Israel sɛnea woahyɛ bɔ no a, 37fa saa kwan yi so kyerɛ me, mede oguan nwi bɛkata awiporowbea hɔ anadwo yi. Sɛ obosu fɔw oguan nwi no, na sɛ ɛho amfɔw a, na mahu sɛ ampa ara, wonam me nsa so begye Israel sɛnea woahyɛ ho bɔ no.” 38Na saa na ɛbae. Gideon sɔree adekyee kyii oguan nwi no, onyaa nsu ade ma.

39Afei, Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Mma wo bo mfuw me. Ma mimmisa ade baako. Ma memfa oguan nwi no nsɔ biribi nhwɛ. Saa bere yi de, ma oguan nwi no nyɛ wosee na baabi a ɛda hɔ no nyinaa mfɔw.” 40Anadwo no, Onyankopɔn yɛɛ sɛnea Gideon bisae no. Anɔpa no oguan nwi no yɛɛ wosee a na obosu afɔw fam hɔ nyinaa.
Copyright information for TwiAKNA